2 Samuel 7:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ de bɛsi ɛnnɛ no, mentenaa ɛdan mu da. Daa wɔtu mʼase firi beaeɛ kɔ beaeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛfiri da a meyii Israelfoɔ firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ yi mentenaa efie mu da, na mmom menam ntomadan tenabea mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛfiri da a meyii Israelfoɔ firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ yi mentenaa efie mu da, na mmom menam ntomadan tenabea mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na efi da a miyii Israelfo fii Misraim bae de bedu nnɛ yi, mentenaa ofi mu da na mmom menam ntamadan tenabea mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efi bere a mede Israelfo fi Misraim bae de besi nnɛ no, mentenaa ɔdan mu da. Daa wotu mʼase fi baabi kɔ baabi.