2 Samuel 8:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɔsomaa ne babarima Yoram wɔ Dawid nkyɛn, bɛkyiaa no maa no amo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfoɔ firi teteete a wɔako atia wɔn ho mpɛn bebree. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafraeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Toi somaa ne ba Yoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no maa no amo, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Toi di ako. Na Yoram kura dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ de bae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Toi somaa ne ba Yoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no maa no amo, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Toi di ako. Na Yoram kura dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ de bae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Toi somaa ne ba Yoram baa ɔhene Dawid nkyɛn bekyiaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no agu, efisɛ Hadadeser ne Toi taa di dɔm; na Yoram de dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne kɔbere nnwinne bae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɔsomaa ne babarima Yoram kɔɔ Dawid nkyɛn, kokyiaa no maa no mo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfo fi teteete a wɔako atia wɔn ho wɔn ho mpɛn pii. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafrae.