2 Samuel 8:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei maa Dawid gyee edin. Ɔsane nʼakyi kɔeɛ no, ɔkunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid sane firii Siriafoɔ kum no, ɔde gyee din wɔ Nkyene-bonhwa mu sɛ ɔkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid sane firii Siriafoɔ kum no, ɔde gyee din wɔ Nkyene-bonhwa mu sɛ ɔkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid san fii Siriafo kum no, ogyee din Nkyene-bon mu sɛ okum Edomfo mpem dunwɔtwe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi maa Dawid gyee din. Ɔsan nʼakyi kɔe no, okunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon mu.