2 Samuel 8:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde akodɔm bansifoɔ siisii Edom nyinaa ano. Na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ nhwɛsoɔ foforɔ a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii no baabiara a ɔkɔeɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde asraafoɔ bansifoɔ tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifoɔ tenatenaeɛ, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde asraafoɔ bansifoɔ tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifoɔ tenatenaeɛ, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde bansifo tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifo tenatenae na Edomfo nyinaa yɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde asraafo bansifo tuatuaa Edom nyinaa ano. Na Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii wɔ baabiara a ɔkɔe no.