2 Samuel 8:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔde akodɔm a wɔyɛ bansifoɔ kɔtenaa Damasko, ma Aramfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkurɔfoɔ a na wɔyi toɔ brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Dawid de bansifoɔ kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Siria, na Siria yɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Dawid de bansifoɔ kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Siria, na Siria yɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Dawid de bansifo kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Aram, na Siriafo yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔde asraafo a wɔyɛ bansifo kɔtenaa Damasko, maa Aramfo bɛyɛɛ Dawid nkurɔfo a na woyi tow brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.