2 Samuel 9:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda bi, Dawid pɛɛ sɛ ɔbɛhunu sɛ obi aka wɔ Saulo fie anaa. Ɛfiri sɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid bisaa sɛ: Obi da so wɔ hɔ a waka Saulo fie, na Yonatan nti mɛyɛ no adɔeɛ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid bisaa sɛ: Obi da so wɔ hɔ a waka Saulo fie, na Yonatan nti mɛyɛ no adɔeɛ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid kae sɛ: So obi da so wɔ hɔ a waka Saul fi, na Yonatan nti menyɛ no adɔe?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da bi, Dawid pɛɛ sɛ obehu sɛ obi aka wɔ Saulo fi ana. Efisɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔe.