2 Timothy 2:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na yei enti, biribiara a ɛbɛba me so no, ɛsiane Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn no enti, megyina ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ ne animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei nti meto me bo ase amaneɛ nyinaa mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei nti meto me bo ase amaneɛ nyinaa mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi nti metɔ me bo ase amane nyinaa mu, wɔn a wɔapaw wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa anuonyam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti, migyina biribiara a ɛbɛba me so no ano ma wɔn a wɔapaw wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye ne anuonyam a enni awiei a ɛwɔ Kristo Yesu mu no bi.