2 Timothy 2:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nkuku ne nkaka wɔ efi kɛseɛ mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforɔ nso wɔde dɔteɛ. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforɔ nso daa wɔde di dwuma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na efie kɛseɛ mu nni sika ne dwetɛ nnoɔma nko, na nnua ne dɔteɛ deɛ nso wɔ mu bi, na wɔbu bi, na ebi nso yɛ deɛ wɔmmuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na efie kɛseɛ mu nni sika ne dwetɛ nnoɔma nko, na nnua ne dɔteɛ deɛ nso wɔ mu bi, na wɔbu bi, na ebi nso yɛ deɛ wɔmmuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ofi kɛse mu nni sika ne dwetɛ nneɛma nko, na nnua ne dɔte de nso wɔ mu bi, na wobu bi, na ebi nso yɛ nea wommu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nkuku ne nkaka wɔ ofi kɛse mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, bi nso wɔde sikakɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso de di dwuma daa.