2 Timothy 2:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ara nso na obi a ɔfra akansie mu a ɔtu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ ɔdi akansie no mmara so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ obi di agokansie nso a, wɔmmɔ no nkonim abotire, gye sɛ wako no sɛdeɛ ɛho mmara teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ obi si akan nso a, wɔmmɔ no nkonim abotire, gye sɛ wasi no sɛdeɛ ɛho mmara teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ obi di akansi mu agoru nso a, wɔmmɔ no nkonim abotiri, gye sɛ wako no sɛnea ɛho mmara te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa ara nso na obi a ɔfra akansi mu a otu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ odi akansi no mmara so.