Acts 10:30 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Kornelio kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne nna ɛnan awia nnɔnmiɛnsa a merebɔ mpaeɛ wɔ me fie no, mehunuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhyerɛn gyina mʼanim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Kornelio kae se, “Nnɛ ne nnaanan awia nnɔnabiɛsa a merebɔ mpae wɔ me fi no, mihuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn gyina mʼanim.