Acts 10:38 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monim sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no enti, ɔkɔɔ mmeammea, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yadeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Munim sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no nti ɔkɔɔ mmeaemmeae, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yare.