Acts 11:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Na merebɔ mpaeɛ wɔ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan sɛ ɛfiri ɔsoro resiane ba fam reba abɛsi me ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mewɔ Yopa kuro mu merebɔ mpaeɛ, na m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, na anisoadehunu mu no, mehunuu biribi a ɛresiane sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan, na wɔgyaa mu firi soro, na ɛbaa me nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mewɔ Yopa kuro mu merebɔ mpaeɛ, na m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, na anisoadehunu mu no, mehunuu biribi a ɛresiane sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan, na wɔgyaa mu firi soro, na ɛbaa me nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mewɔ Yopa kurow mu merebɔ mpae, na m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu, na anisoadehu mu no, mihuu biribi a ɛresian sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan, na wogyaa mu fi soro, na ɛbaa me nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Na merebɔ mpae wɔ Yopa na minyaa anisoadehu. Mihuu biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere sɛ efi ɔsoro afanan resian ba fam wɔ faako a mewɔ no.