Acts 13:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ansa na Yesu rebɛfiri nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakyera ho asɛm kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔnsakyera mfiri wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso Yohane kaa adwensakyera asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa ansa na ɔreba.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso Yohane kaa adwensakyera asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa ansa na ɔreba.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso Yohane kaa adwensakra asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa ansa na ɔreba.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ansa na Yesu rebefi nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakra ho asɛm kyerɛɛ Israelfo se, wɔnsakra mfi wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu.