Acts 14:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ no ne wɔn mpanimfoɔ yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ, asane asi wɔn aboɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na amanaman mufoɔ no ne Yudafoɔ ne wɔn mpanimfoɔ no bɔɔ kirididi baa sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa, na wɔakɔsi wɔn aboɔ no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na amanaman mufoɔ no ne Yudafoɔ ne wɔn mpanimfoɔ no bɔɔ kirididi baa sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa, na wɔakɔsi wɔn aboɔ no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na abosonsomfo no ne Yudafo ne wɔn mpanyimfo no bɔɔ kirididi bae sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa na wɔasiw wɔn abo no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Amanamanmufo ne Yudafo no ne wɔn mpanyimfo yɛɛ adwene se wɔbɛyɛ wɔn ayayade asan asiw wɔn abo.