Acts 15:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mmom, momma yɛntwerɛ nwoma nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔdi aduane biara a wɔde ama abosom, ɛfiri sɛ, ɛho nte; afei, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho, afei, wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ; bio, wɔnnni mogya nso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔnkyerɛw nkɔma wɔn sɛ: Wonyi wɔn ho mfi abosom akyidi ne aguamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui, ne mogya ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mmom, momma yɛnkyerɛw nhoma nkɔka nkyerɛ wɔn se, ɛnsɛ sɛ wodi aduan biara a wɔde ama abosom, efisɛ ɛho ntew; afei wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho na wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, wonnni mogya nso.