Acts 16:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Paulo toaa nʼakwantuo no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne maame yɛ Yudani ogyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Paulo koduu Derbe ne Listra. Na hwɛ, baabi a osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani bea bi a ogyidini ba, na n’agya yɛ Helani.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Paulo toaa nʼakwantu no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne na yɛ Yudani gyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te.