Acts 16:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbaa bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira kuro mu, a ɔsom Onyankopɔn tiee; na Awurade buee n’akomam sɛ ɔntie deɛ Paulo reka no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbaa bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira kuro mu, a ɔsom Onyankopɔn tiee; na Awurade buee n’akomam sɛ ɔntie deɛ Paulo reka no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbea bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ɔtankɔkɔɔ a ofi Tiatira kurow mu a ɔfɛre Nyankopɔn tee; na Awurade buee ne komam sɛ ontie nea Paulo ka no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesomni nti Awurade buee ne koma mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no ma ogye dii.