Acts 18:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no ara mu, Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano ate na ɔnim Atwerɛsɛm no yie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yudani bi a ne din de Apolo, a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano ateɛ na ɔyɛ nam wɔ twerɛsɛm no mu, baa Efeso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yudani bi a ne din de Apolo, a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano ateɛ na ɔyɛ nam wɔ twerɛsɛm no mu, baa Efeso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yudani bi a ne din de Apolo a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano atew na ɔyɛ den kyerɛw nsɛm no mu, baa Efeso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no ara mu na Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano atew na onim Kyerɛwsɛm no yiye.