Acts 19:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ yɛanhwɛ no yie a, yɛn adwuma yi bɛgye din bɔne. Saa ara nso na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne ewiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛeɛ, na mmom ɔbosombaa kɛseɛ Artemi asɔrefie rekɔyɛ sɛ wɔmmu no hwee bio, na n’animuonyam kɛseɛ a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛeɛ, na mmom ɔbosombaa kɛseɛ Artemi asɔrefie rekɔyɛ sɛ wɔmmu no hwee bio, na n’animuonyam kɛseɛ a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛe, na mmom ɔbosombea kɛse Artemi asɔrefi rekɔyɛ sɛ wommu no hwee bio, na n’anuonyam kɛse a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ yɛanhwɛ no yiye a, yɛn adwuma yi begye dimmɔne. Saa ara na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne wiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.”