Acts 19:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teateaam kaa nsɛm bi, na ebinom nso teaam kaa nsɛm foforɔ bi, ɛfiri sɛ, na wɔn mu dodoɔ no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abɛhyia mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei ebinom retea mu sɛɛ, na afoforɔ retea mu sɛɛ, ɛfiri sɛ na badwa no mu ayɛ sakasaka, na na ɔfa kɛseɛ no ara nnim adekodeɛ a enti wɔbɛhyiaeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei ebinom retea mu sɛɛ, na afoforɔ retea mu sɛɛ, ɛfiri sɛ na badwa no mu ayɛ sakasaka, na na ɔfa kɛseɛ no ara nnim adekodeɛ a enti wɔbɛhyiaeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afei na ebinom teɛm sɛɛ, na afoforo nso teɛm sɛɛ, efisɛ gua no ayɛ sakasaka, na ɔfa kɛse no ara nnim dekode a enti wobehyiae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teɛteɛɛ mu kaa nsɛm bi na ebinom nso teɛɛ mu kaa nsɛm foforo bi, efisɛ na wɔn mu dodow no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abehyia mu.