Acts 19:40 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ yɛanhwɛ yie a, wɔbɛka sɛ saa ɛnnɛ basabasayɛ yi firi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wɔbisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyie biara.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na anhwɛ a, yɛbɛnya nnɛ sakasaka yi ho amane, ɛfiri sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yɛnni asɛm biara a yɛde bɛtumi akyerɛ gyegyeegye yi aseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na anhwɛ a, yɛbɛnya nnɛ sakasaka yi ho amane, ɛfiri sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yɛnni asɛm biara a yɛde bɛtumi akyerɛ gyegyeegye yi aseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na anhwɛ a, yebenya nnɛ sakasakayɛ yi ho amane, efisɛ sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yenni asɛm biara a yɛde betumi akyerɛ gyegyeegye yi ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ yɛanhwɛ yiye a, wɔbɛka se saa nnɛ basabasayɛ yi fi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wobisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyi biara.”