Acts 20:38 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛhoɔ koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔrenhunu no bio no. Afei, wɔn nyinaa kɔgyaa no ɛhyɛn no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ ɛyɛɛ wɔn ya bebrebe ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhunu n’anim bio no. Na wɔkɔgyaa no kwan wɔ suhyɛn no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ ɛyɛɛ wɔn ya bebrebe ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhunu n’anim bio no. Na wɔkɔgyaa no kwan wɔ suhyɛn no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea ɛyɛɛ wɔn yaw bebree, ne asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu n’anim bio no. Na wokogyaa no hyɛn no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea ɛyɛɛ wɔn awerɛhow koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔrenhu no bio no. Afei wɔn nyinaa kogyaa no hyɛn no mu.