Acts 21:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Amanamanmufoɔ a wɔabɛyɛ asuafoɔ no de, yɛatwerɛ akɔma wɔn akyerɛ gyinaeɛ a yɛasi sɛ, wɔnnni aduane biara a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom; wɔnnni mogya; wɔnnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na ɔwuiɛ; na afei nso, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na amanaman a wɔagye adie no ho deɛ, yɛatwerɛ, na yɛabua sɛ wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afɔdeɛ ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wɔwuiɛ ne adwamammɔ ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na amanaman a wɔagye adie no ho deɛ, yɛatwerɛ, na yɛabua sɛ wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afɔdeɛ ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wɔwuiɛ ne adwamammɔ ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na amanaman a wɔagye adi no ho de, yɛakyerɛw na yɛabu ntɛn sɛ wonyi wɔn ho mfi abosom afɔre ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Amanamanmufo a wɔabɛyɛ asuafo no de, wɔakyerɛw akɔma wɔn akyerɛ gyinae a yɛasi sɛ, wonnni aduan biara a wɔde abɔ afɔre ama abosom; wonnni mogya; wonnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na owui; na afei nso wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho.”