Acts 21:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛduruu baabi a yɛn ani tua Kipro no, yɛtwaa ho wɔ benkum fam kɔɔ Siria. Yɛsii fam wɔ Tiro, ɛfiri sɛ, na ɛhɔ na wɔrekɔyi ɛhyɛn no mu nneɛma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yɛn ani tua Kipro no, yɛgya too benkum kɔɔ Siria, na yɛkɔsii fam Tiro; ɛfiri sɛ ɛhɔ na na suhyɛn no rekɔyi n’adesoa aguo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yɛn ani tua Kipro no, yɛgya too benkum kɔɔ Siria, na yɛkɔsii fam Tiro; ɛfiri sɛ ɛhɔ na na suhyɛn no rekɔyi n’adesoa aguo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yɛn ani tua Kipro no, yegyaw too benkum kɔɔ Siria, na yekosii fam wɔ Tiro; efisɛ ɛhɔ na hyɛn no rekoyi n’adesoa agu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yeduu baabi a yɛn ani tua Kipro no, yetwaa ho wɔ benkum fam kɔɔ Siria. Yesii fam wɔ Tiro, efisɛ na ɛhɔ na wɔrekoyi hyɛn no mu nneɛma.