Acts 21:34 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkorɔ; ebinom ka sei a, na afoforɔ nso aka sei. Saa basabasa yi amma ɔsafohene no antumi anhunu asɛm pɔtee a asi. Ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nkurɔfokuo no mu binom teaa mu sɛɛ, na ebinom nso teaa mu sɛɛ. Na sakasaka no nti ɔntumi nhunu mu nokorɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nkurɔfokuo no mu binom teaa mu sɛɛ, na ebinom nso teaa mu sɛɛ. Na sakasaka no nti ɔntumi nhunu mu nokorɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nkurɔfokuw no mu binom teɛɛm sɛɛ, na ebinom nso teɛɛm sɛɛ. Na sakasaka no nti ontumi nhu mu nokware no, ɔhyɛe sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkoro; ebinom ka sɛɛ a, na afoforo nso aka sɛɛ. Saa basabasa yi amma ɔsahene no antumi anhu asɛm pɔtee a asi. Ɛno nti, ɔhyɛɛ nʼasraafo no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu.