Acts 22:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hann no hyerɛn ano den maa mʼani firaeɛ enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no sosɔɔ me nsa de me kɔɔ Damasko.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hann no animuonyam amma manhunu adeɛ nti, wɔn a wɔne me nam no sosɔɔ me nsa, na wɔde me kɔɔ Damasko.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hann no animuonyam amma manhunu adeɛ nti, wɔn a wɔne me nam no sosɔɔ me nsa, na wɔde me kɔɔ Damasko.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hann no anuonyam amma manhu ade nti, wɔn a wɔne me nam no susoo me nsa, na wɔde me kɔɔ Damasko.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hann no hyerɛn ano den no maa mʼani furae enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no susoo me nsa de me kɔɔ Damasko.