Acts 22:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetee me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Mesuaa sɛdeɛ wɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ mo nyinaa nso reyɛ ɛnnɛ yi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔyɛn me kurow yi mu Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Onyankopɔn som ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetew me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Misuaa sɛnea wodi Yudafo mmara ne wɔn amanne so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛnea mo nyinaa nso reyɛ nnɛ yi.