Acts 22:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsɔfopanin ne agyinatufoɔ no nyinaa di me adanseɛ sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokorɛ. Wɔn nkyɛn mpo na megyee tumi nwoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafoɔ a wɔwɔ Damasko no. Saa nwoma no na anka mɛgyina so makyekyere nnipa a wɔdi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
sɛnea ɔsɔfo panyin nso ne mpanyimfo nyinaa di me adanse. Wɔn nkyɛn nso na mikogyee nhoma sɛ mede mekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ mekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehama mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsɔfopanyin ne agyinatufo no nyinaa di me adanse sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokware. Wɔn nkyɛn mpo na migyee tumi nhoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafo a wɔwɔ Damasko no. Saa nhoma no na anka megyina so makyekyere nnipa a wodi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.