Acts 23:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsraani panin no ne aberanteɛ no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberanteɛ yi mmɛhunu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kaa sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberanteɛ yi mmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kaa sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberanteɛ yi mmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kae sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberante yi memmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsraani panyin no ne aberante no kɔɔ ɔsahene no nkyɛn. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsahene no se, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberante yi mmehu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”