Acts 24:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro sɛ, “Onimuonyamfoɔ! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa enti, ɛfiri ɛberɛ a wobaeɛ yi, nsakraeɛ pa pii aba yɛn ɔman yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo firii aseɛ bɔɔ nkuro sɛ: Ɛsiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoeɛ bebree ne ntotoeɛ a ɛnam wo nimdeɛ so aba ɔman yi mu nti,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo firii aseɛ bɔɔ nkuro sɛ: Ɛsiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoeɛ bebree ne ntotoeɛ a ɛnam wo nimdeɛ so aba ɔman yi mu nti,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo fii ase bɔɔ nkuro sɛ: Esiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoe bebree ne ntotoe a ɛnam wo nimdeɛ so aba ɔman yi mu nti,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro se, “Onuonyamfo! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa nti efi bere a wobaa yi, nsakrae pa pii aba yɛn man yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn.