Acts 27:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ maa so baa ɛhyɛn no mu, kyekyeree no dendeenden. Esiane sɛ na wɔsuro sɛ wɔbɛkɔ akɔtim anwea mu enti, wɔyiyii ɛhyɛn dua no so ntoma maa mframa no bɔɔ ɛhyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔmaa soɔ no, wɔboa maa wɔkyekyeree hyɛn no; na wɔsuro sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wɔhwann hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔmaa soɔ no, wɔboa maa wɔkyekyeree hyɛn no; na wɔsuro sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wɔhwann hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔmaa so no, wɔboa kyekyeree hyɛn no; na wosuroe sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wohuan hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hyɛn no mu nnwumayɛfo no maa so baa hyɛn no mu bɛkyekyeree no denneennen. Esiane sɛ na wosuro sɛ wɔbɛkɔ akɔka nwea mu nti, woyiyii hyɛn dua no so ntama maa mframa no bɔɔ hyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ.