Acts 27:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nna bebree twaa mu a na obiara anidie no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ motiee me na yɛantu amfiri Kreta a, anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nna bebree twaa mu a wɔnnidie no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfimfini kaa sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka motie me, na yɛamfiri Kreta ammɛhunu amane ne adesɛeɛ yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nna bebree twaa mu a wɔnnidie no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfimfini kaa sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka motie me, na yɛamfiri Kreta ammɛhunu amane ne adesɛeɛ yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nna bebree twaam a yɛannidi no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfinimfini kae sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka mutie me, na yɛamfi Krete ammehu amane ne adesɛe yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nna bebree twaa mu a na obiara nnidi no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mutiee me na yɛantu amfi Kreta a anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi.