Acts 27:40 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti, wɔtwitwaa hyɛn no asɛkyɛ nhoma no mu maa asɛkyɛ no guu ɛpo mu. Afei, wɔsanesanee ahoma a ɛkura akyerɛkyerɛkwan no mu na afei wɔsii ntoma a ɛwɔ ɛhyɛn no anim no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mframa bɛtumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔtwaa asɛkyɛ no ahoma mu gyaa mu guu po mu, na wɔsanee akyerɛkyerɛkwan no ahoma, na wɔsii hyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔeɛ no pia kɔɔ mpoano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔtwaa asɛkyɛ no ahoma mu gyaa mu guu po mu, na wɔsanee akyerɛkyerɛkwan no ahoma, na wɔsii hyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔeɛ no pia kɔɔ mpoano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wotwaa asɛkyɛ no ahama mu gyaa mu guu po mu, na wɔsan akyerɛkyerɛkwan no ahama, na wosii suhyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔe no pia kɔɔ mpoano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti wotwitwaa hyɛn no sɛkyɛ ahama no mu maa sɛkyɛ no guu po mu. Afei wɔsansan hama a ekura akwankyerɛde no mu na afei wosii ntama a ɛwɔ hyɛn no anim no sɛnea ɛbɛyɛ a mframa betumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano.