Acts 27:41 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɛhyɛn no kɔpem anweatam bi ma ɛtimiiɛ. Ɛhyɛn no anim timii dendeenden ɛnna nʼakyi no nso, asorɔkye a na ɛrebɔ no no ma ɛbubuiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔkɔpemm nsuo mu anweatam bi no, wɔde suhyɛn no kɔtaee, na etire kɔtimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛtoɔ deɛ, asorɔkyeɛ a na ɛrebɔ denden no bubui.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔkɔpemm nsuo mu anweatam bi no, wɔde suhyɛn no kɔtaee, na etire kɔtimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛtoɔ deɛ, asorɔkyeɛ a na ɛrebɔ denden no bubui.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔkɔhwee baabi a ɛpo abu kɔntɔn no, wɔde suhyɛn no kɔtaae, na eti kotimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛto de, asorɔkye a ɛbɔ dennen no bubuu no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ɛhyɛn no kɔpem nweatam bi ma ɛkae. Hyɛn no anim kaa denneennen na asorɔkye a na ɛrebɔ no maa akyi no nso bubui.