Acts 28:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛdii abosome mmiɛnsa wɔ supɔ no so ansa na yɛnyaa ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ etire mmienu a ɛgyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa ɛhyɛn no abɛdi awɔberɛ no wɔ supɔ no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na abosome mmiɛnsa akyiri no, yɛfaa Aleksandria suhyɛn bi a ɛbɛdii awɔ berɛ supɔ no so a ne nsɛnkyerɛnneɛ ne Ata-ne-Ata no mu kɔe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na abosome mmiɛnsa akyiri no, yɛfaa Aleksandria suhyɛn bi a ɛbɛdii awɔ berɛ supɔ no so a ne nsɛnkyerɛnneɛ ne Ata-ne-Ata no mu kɔe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asram abiɛsa akyi no, yesii Aleksandria hyɛn bi a abedi awɔw bere supɔw no so a n’agyirae ne Ata-ne-ata no mu kɔe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yedii asram abiɛsa wɔ supɔw no so ansa na yenyaa hyɛn bi a efi Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnne yɛ eti abien a egyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa hyɛn no abedi awɔwbere no wɔ supɔw no so.