Acts 3:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwirii wɔn; enti wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Berɛ a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika bɛhyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Salomo deɛ no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Berɛ a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika bɛhyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Salomo deɛ no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Bere a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika behyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Solomon de no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a nnipa no huu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwiriw wɔn; enti wotuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ.