Acts 3:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafoɔ yi nyaa ahoɔden. Gyidie a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛmaa yɛtumi yɛɛ saa anwanwadeɛ a mohunu yi. Gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ɔgyina mo anim seesei yi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛnam ne din mu gyidi so ne ne din so na ama oyi a muhu no na munim no yi ho ayɛ no den. Yiw, Yesu mu gyidi na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafo yi nyaa ahoɔden. Gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛma yetumi yɛɛ saa anwonwade a muhu yi. Gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ogyina mo anim mprempren yi.