Acts 3:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔreyɛ aduru asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ ano no, wɔhunuu obubuafoɔ bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafoɔ yi de no bɛto ɛpono yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika firi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu adeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu adeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, a daa wɔde no bɛto asɔrefi pon a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefi no hɔ no mmɔborohunu ade;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔreyɛ adu asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ ano no, wohuu obubuafo bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafo yi de no bɛto ɔpon yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika fi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn.