Acts 5:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nkurɔfoɔ a wɔfifiri nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefoɔ ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no baeɛ na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nkuro a atwa ahyia Yerusalem ho no mu nnipa pii nso bɛhyiaa Yerusalem, de ayarefoɔ ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn bae, na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nkuro a atwa ahyia Yerusalem ho no mu nnipa pii nso bɛhyiaa Yerusalem, de ayarefoɔ ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn bae, na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no mu nnipa pii nso behyiae Yerusalem de ayarefo ne wɔn a ahonhom fi haw wɔn bae, na wɔsaa wɔn nyinaa yare.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nkurɔfo a wofifi nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefo ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no ba ma wɔsaa wɔn nyinaa yare.