Acts 5:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a ɔpanin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfoɔ no so ne asɔfoɔ mpanin no tee saa asɛm yi no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn nnaa, ɛfiri sɛ, na wɔnhunu asɛm a asi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na asɔrefie safohene ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ, yei bɛyɛ deɛn nie?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asɔrefie safohene ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ, yei bɛyɛ deɛn nie?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asɔrefi safohene ne asɔfo mpanyin no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ eyi bɛyɛ dɛn ni?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a ɔpanyin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfo no so ne asɔfo mpanyin no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa, efisɛ na wonhu asɛm a asi.