Acts 7:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so maa Farao hunuu Yosef abusuafoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ ɛtɔ so mmienu no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso hunuu Yosef abusuafoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ ɛtɔ so mmienu no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso hunuu Yosef abusuafoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea ɛto so abien no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso huu Yosef abusuafo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so ma Farao huu Yosef abusuafo.