Acts 7:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Mose tee saa asɛm yi no, ɔtu firii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmammarima baanu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na asɛm yi nti Mose dwaneeɛ, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔhoɔ Midian asase so, na ɔwoo mmabanin baanu wɔ hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asɛm yi nti Mose dwaneeɛ, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔhoɔ Midian asase so, na ɔwoo mmabanin baanu wɔ hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asɛm yi nti Mose guanee na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho Midian asase so, na ɔwoo mmabanin baanu wɔ hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mose tee saa no, otu fii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmabarima baanu.