Acts 7:49 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Awurade na ɔseɛ. Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɔdan bɛn na mobɛsi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɔdan bɛn na mobɛsi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahengua, na asase yɛ m’anan ntiaso; ɔdan bɛn na mubesi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Ɔsoro yɛ mʼahengua, Awurade na ose. Na asase yɛ mʼanan ntiaso. Ɔdan bɛn na wubesi ama me? Na mʼahomegyebea wɔ he?