Acts 7:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Yei enti, wɔwoo Isak nnawɔtwe akyi no, wɔtwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara nso na Yakob twitwaa agyanom mpanin dumienu no twetia.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔmaa no twetiatwa apam. Na ɔwoo Isak, na ne nnawɔtwe soɔ no, ɔtwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanimfoɔ dummienu no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔmaa no twetiatwa apam. Na ɔwoo Isak, na ne nnawɔtwe soɔ no, ɔtwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanimfoɔ dummienu no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔne no yɛɛ twetiatwa apam. Na ɔde saa woo Isak, na ne nnawɔtwe so no, otwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanyin dumien no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnne. Eyi nti wɔwoo Isak nnaawɔtwe akyi na wotwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara na Yakob twitwaa agyanom mpanyin dumien no nso twetia.