Acts 9:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa ho dwirii wɔn maa wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na ɔkum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfoɔ mpanin.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔse: Ɛnyɛ oyi ne deɛ na ɔsɛe wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na yei nti ɔbaa ha sɛ ɔrebɛfa wɔn homa mu akɔma asɔfoɔ mpanimfoɔ no anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔse: Ɛnyɛ oyi ne deɛ na ɔsɛe wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na yei nti ɔbaa ha sɛ ɔrebɛfa wɔn homa mu akɔma asɔfoɔ mpanimfoɔ no anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na wose: Ɛnyɛ oyi ne nea ɔsɛee wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na eyi nti ɔbaa ha sɛ ɔbɛfa wɔn hama mu akɔma asɔfo mpanyin no anaa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisae se, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na okum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no ana? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfo mpanyin.”