Acts 9:36 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso na osuani baa bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka. Ɔbaa yi na nnwuma pa ne mmɔborɔhunu adeɛ a ɔyɛeɛ no ayɛ no ma.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso na osuani baa bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka. Ɔbaa yi na nnwuma pa ne mmɔborɔhunu adeɛ a ɔyɛeɛ no ayɛ no ma.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso na osuani bea bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka, Ɔbea yi na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔbea ogyidini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka a ase ne ɔwansan. Saa ɔbea yi de nʼadagyew nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafo.