Acts 9:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Saulo sɔre firii fam hɔ buee nʼani, nanso na ɔnhunu adeɛ. Enti, wɔkurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Saulo sɔre firii fam, na ɔbuee n’ani no, wanhunu hwee. Na wɔkurakuraa ne nsa de no kɔɔ Damasko.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Saulo sɔre firii fam, na ɔbuee n’ani no, wanhunu hwee. Na wɔkurakuraa ne nsa de no kɔɔ Damasko.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Saulo sɔre fii fam, na n’ani tetewee no, wanhu hwee. Na wokurakura ne nsa de no kɔɔ Damasko.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Saulo sɔre fii fam hɔ buee nʼani, nanso na onhu ade. Enti wokurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko.