Amos 6:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ, deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hwɛ, merema ɔman bi asɔre atia mo, Israel fie, AWURADE, asafo Nyankopɔn asɛm nie, na wɔabɛha mo afiri deɛ wɔfa kɔ Hamat akɔsi mpaperɛ so subonhwa Araba no ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hwɛ, merema ɔman bi asɔre atia mo, Israel fie, AWURADE, asafo Nyankopɔn asɛm nie, na wɔabɛha mo afiri deɛ wɔfa kɔ Hamat akɔsi mpaperɛ so subonhwa Araba no ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hwɛ, merema ɔman bi asɔre ahyɛ mo, Israel fi, AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni, na wɔabɛhaw mo afi nea wɔfa kɔ Hamat akosi tataw so subon Araba no ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Mɛhwanyan ɔman bi abetia mo, Israelfo, nea ɔbɛhyɛ mo so afi Lebo Hamat akosi Araba bon mu.”