Amos 7:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: na ɔreboaboa ntutummɛ bebree ano, abɛto wɔn agu asase no so. Yei yɛ ɛberɛ a wɔatwa ɔhene kyɛfa afiri mfuo no so na mfudeɛ no renyini bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, na ɔrenwono ntutummɛ, ɛberɛ a akyire yi wira firi aseɛ fifire, na hwɛ, ɛyɛ ɔhene wiratwa akyiri wira.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, na ɔrenwono ntutummɛ, ɛberɛ a akyire yi wira firi aseɛ fifire, na hwɛ, ɛyɛ ɔhene wiratwa akyiri wira.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, ɔrenwene mmoadabi, ɛbere a adom wura fii ase fifii, na hwɛ, ɛyɛ ɔhene wuratwa akyi adom wura.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: na ɔreboaboa mmoadabi bebree ano. Eyi yɛ bere a wɔatwa ɔhene kyɛfa afi mfuw no so na akyiri nnɔbae no renyin no.