Amos 7:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Enti asɛm a Awurade ka nie: “ ‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu, wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano. Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu, na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu, na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, wɔ akyirikyiri asase so.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Wo yere bɛdane odwamamfoɔ, kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano, na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu, na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Wo yere bɛdane odwamamfoɔ, kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano, na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu, na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti sɛ AWURADE se ni: Wo yere bɛdan aguaman kurow no mu, na wo mmabanin ne wo mmabea bɛtotɔ afoa ano, na w’asase no, wɔde hama bɛkyɛ mu, na wo de, wubewu asase a ɛso akum so, na Israel betu afi n’asase so akɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Enti asɛm a Awurade ka ni: “ ‘Wo yere bɛbɔ aguaman wɔ kuropɔn yi mu, wo mmabarima ne wo mmabea bewuwu wɔ afoa ano. Wobesusuw wʼasase na wakyekyɛ mu, na wʼankasa nso, wubewu wɔ abosonsomman mu, na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu, wɔ akyirikyiri asase so.’ ”